4 Adeɛ kyeeɛ no, ansa na obiara bɛte Gedalia wuo no, 5 mmarima aduɔwɔtwe a wɔawerɛ wɔn bɔgyesɛ, asunsuane wɔn ntadeɛ mu na wɔasesa wɔn honam ani firi Sekem, Silo ne Samaria baeɛ a wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne nnuhwam reba
10 Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
11 Ɛberɛ a Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adie no, 12 wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho. 13 Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ. 14 Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. 15 Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
16 Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ. 17 Wɔsii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛe wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem. 18 Na wɔredwane Babiloniafoɔ no. Na wɔsuro Babiloniafoɔ no ɛfiri sɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.
<- Yeremia 40Yeremia 42 ->