1 Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu.
2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ. 3 Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
4 Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ.
5 Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”
7 Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ,
8 Yesu buaa wɔn sɛ,
10 Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
11 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ,
12 Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13 de no dii ɛkan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no. 14 Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.
15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanin no nim no yie. Saa osuani no na ɔnyaa ɛkwan kɔɔ ɔsɔfopanin no efie hɔ. 16 Petro deɛ ɔkaa ɛpono no akyi. Saa osuani a na ɔnim ɔsɔfopanin no yie no, sane baeɛ ne abaayewa a na ɔhwɛ ɛpono no ano no bɛkasaeɛ maa Petro nyaa ɛkwan kɔɔ mu.
17 Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?”
18 Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi.
19 Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.
20 Yesu buaa sɛ,
22 Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.”
23 Yesu buaa no sɛ,
25 Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?”
26 Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27 Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ.
28 Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi. 29 Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”
30 Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”
33 Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”
34 Yesu nso bisaa no sɛ,
35 Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?”
36 Yesu buaa no sɛ,
37 Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?”
38 Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ. 39 Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?”
40 Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ.
<- Yohane 17Yohane 19 ->