1 Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. 2 Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no, 3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no. 4 Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.” 5 Na ne nuanom mpo nnye no nni.
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
10 Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no. 11 Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.”
14 Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. 15 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
16 Yesu buaa wɔn sɛ,
20 Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21 Yesu buaa wɔn sɛ,
25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ sɛ wɔkum no no anaa? 26 Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no. 27 Yɛnim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.”
28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa sɛ,
30 Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ. 31 Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”
32 Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ,
35 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 Sɛ ɔka sɛ,
37 Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ,
40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!”
41 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!”
45 Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moamfa no amma?”
46 Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.”
47 Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa? 48 Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa? 49 Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.”
50 Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51 Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”
52 Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.”
53 Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.
<- Yohane 6Yohane 8 ->