1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.”
5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.
6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”
7 Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”
9 Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10
12 Ɛda a
15 Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ.
16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ,
20 Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.
22 Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23 Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.
25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ,
27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
28 Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no.
29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso,
31 Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnanu so no,
34 Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35 Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis.
36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37 faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.
38 Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no.
40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ
43 Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.
<- Yosua 9Yosua 11 ->-
a 10.41 Ɛnsɛ sɛ wɔde saa Gosen yi ma Gosen a ɛwɔ Nil hɔ no.