1 Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; 2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam; 3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so. 4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea. 5 Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
6
7 Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim. 8 Na
10 Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) 11 Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya.
12 Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose,
16 Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ. 17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa, 18 wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu. 19 Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. 20
21 Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa. 22 Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
23 Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ