1 Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.
2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”
4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. 5 Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.) 7 Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu.
8 Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, 9 “Menim sɛ
12 “Enti momfa
14 Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ
15 Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam. 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18 na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19 Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so. 20 Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.”
21 Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.”
22 Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara. 23 Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24 Wɔkaa sɛ, “Ampa ara