1 Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.
2 Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ
5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie. 6 Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn. 7 Mosu frɛɛ
8 “Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. 9 Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo. 10 Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.
11 “Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim. 12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim. 13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.
14 “Enti, monni
16 Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa
19 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom
21 Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom
22 Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom
23 Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto
24 Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom
25 Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne
27 Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a
28 Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.
29 Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua,
31 Na Israel somm
32 Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
33 Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.