1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ
2 Saa ɛberɛ no,
4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so. 5 Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa
9 Afei,
10 Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no. 11 Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye. 12 Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.
13 Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?”
14 Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ
15