1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 2 “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”
3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ,
10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ. 11
12 Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”
13 Yesu buaa wɔn sɛ,
15 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”
16 Yesu nso bisaa no sɛ,
21 Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ,
25 Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
27 Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ,
29 Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so. 30 Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 31 Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.
32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
33 Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”
34 Yesu nso bisaa wɔn sɛ,
35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. 36 Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn. 38 Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson. 39 Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.
<- Mateo 14Mateo 16 ->