1 Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. 2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
3 Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ,
5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ, 6 “Awurade, mʼabɔfra abubu gu hɔ a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me.”
7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
8 Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den. 9 Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.”
10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ,
13 Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ,
14 Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ. 15 Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
16 Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
18 Yesu hunuu sɛ ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntwa nkɔ asuogya nohoa. 19 Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!”
20 Yesu buaa no sɛ,
21 Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.”
22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
23 Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. 25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
27 Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
28 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. 29 Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”
30 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi. 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.”
32 Yesu tiaa wɔn sɛ,