1 Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu. 2 Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ,
3 Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
4 Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ,
9 Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ,
10 Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ. 11 Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?”
12 Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ,
14 Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?”
15 Yesu buaa wɔn sɛ,
16
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.” 19 Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie.
20 Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 21 Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
22 Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ,
23 Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkaa sɛ,
27 Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
28 Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ,
29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ,
32 Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. 33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
34 Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no.”
35 Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree. 36 Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. 37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,