1 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
4 Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. 5 Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?” 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. 7 Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ,
11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.
12 Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no. 13 Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so. 14 Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ,
15 Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16 sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
18 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
19 Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.
20 Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 28 “Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?”
29 Yesu nso buaa wɔn sɛ,
31 Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. 32 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
33 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.”
-
a 11.9 Nkamfoɔ