1 Aka nnanu na Twam Afahyɛ[a] ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. 2 Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”
3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.
4 Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. 5 Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”
6 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
10 Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.
12 Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.
13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ,
16 Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ.
17 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ,
19 Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?”
20 Ɔbuaa wɔn sɛ,
22 Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ,
23 Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
26 Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
27 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
29 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”
30 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
31 Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.
32 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkaa sɛ,
37 Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ,
39 Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. 40 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.
41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ.
43 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.” 45 Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.
48 Yesu bisaa wɔn sɛ,
51 Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52 Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. 54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.
55 Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56 Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.
57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58 “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59 Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.
60 Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?” 61 Yesu ammua no.
62 Yesu buaa no sɛ,
63 Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?”
66 Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
68 Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee.
69 Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!” 70 Petro saneeɛ bio.
71 Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ,