1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2 Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3 Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4 Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.
5 Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”
6 Yesu buaa wɔn sɛ,
9
14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
17 Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. 18 Ɔbisaa wɔn sɛ,
20 Ɔtoaa so sɛ,
24 Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ. 25 Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe. 26 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
27 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
28 Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”
29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
30 Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.
31 Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so. 32 Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.
33 Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ,
36 Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!”
<- Marko 6Marko 8 ->