1 Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. 2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
4 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”
5 Ɔbisaa wɔn sɛ,
6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8 Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. 9 Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10 Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.
11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
14 Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. 15 Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
16 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.
17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
20
21 Ɔbisaa wɔn bio sɛ,
22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23 Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ,
24 Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
25 Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26 Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ,
27 Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ,
28 Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.”
29 Na ɔbisaa wɔn sɛ,
30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara.
31 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. 32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ,
34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,