4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.
5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so. 6 Na Ɛsra kamfoo
7 Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ. 8 Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.
9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ
10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ
11 Na Lewifoɔ no nso kasaa sɛ, “Hwɛ! Monnsu. Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron” de dwodwoo wɔn.
12 Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.
13 Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ. 14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wɔhunuu sɛ,
16 Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu. 17 Enti, obiara a wafiri nneduasom mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛberɛ no nnanson mu, na obiara ani gyee yie. Ɛfiri Nun babarima Yosua berɛ so no, Israelfoɔ anni afahyɛ no saa ɛkwan yi so.
18 Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.
<- Nehemia 7Nehemia 9 ->