1 Afei,
8 “Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 9 Sɛ moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a,
11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so, 12 enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so hɔ dii omununkum no akyi kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so. 13 Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtu no duruiɛ no,
14 Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan. 15 Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim. 17 Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim. 19 Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim; 20 Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim. 21 Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Wɔduruu hɔ no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ beaeɛ foforɔ hɔ dada.
22 Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim; 23 ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim; 24 afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim.
25 Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no. 26 Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim. 27 Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim. 28 Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ,
30 Nanso nʼakonta no buaa no sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn.”
31 Mose srɛɛ sɛ, “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ, wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn. 32 Sɛ woba a, nneɛma pa a
33 Wɔfiri
35 Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam sɛ,
36 Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa sɛ,