1 Afei,
3 Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ
17 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so 18 na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua 19 anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban, 20 sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane.
21 Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ. 24 Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ. 25 Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ.
26 Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ. 27 Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ. 28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ. 29 Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.”
30 Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.”
31 Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!” 32 Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ, 33 na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”
<- 4 Mose (Numeri) 124 Mose (Numeri) 14 ->