1 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara. 2 Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a
7 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ
12 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ
17 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ. 18 Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho. 19 Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.
20 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara 21 a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
23 “ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara 24 a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho. 25 Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.
26 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara. 27 Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho. 28 Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.
29 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan 30 bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no. 31 Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.
32 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan 33 a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ. 34 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
35 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no. 36 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
39 “ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma
40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
<- 4 Mose (Numeri) 284 Mose (Numeri) 30 ->