Dwom 29
Dawid dwom.
1 Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade .
2 Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;
monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.
3 Awurade nne wɔ nsuo no so;
animuonyam Onyankopɔn bobom,
4 Awurade nne mu wɔ tumi;
5 Awurade nne bubu ntweneduro;
6 Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,
na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.
7 Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre
8 Awurade nne woso ɛserɛ so;
9 Awurade nne kyinkyim adum
na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.
Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,
“Animuonyam nka Onyankopɔn!”
10 Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;
wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.
11 Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,