Dwom 83
Asaf Dwom.
1 Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm;
mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.
2 Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa,
na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.
3 Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ
wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.
4 Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,
sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”
5 Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ;
na wɔpam tia wo,
6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,
Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,
7 Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ,
Filistifoɔ ne Tirofoɔ.
8 Asiria mpo akɔka wɔn ho
de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.
9 Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian
sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
10 wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor
na wɔdanee nwira no.
11 Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb,
ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
12 a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa
Onyankopɔn adidibea nsase no.”
13 Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo,
sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
14 Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ,
na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no,
15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn
na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
16 Ma animguaseɛ nka wɔn,
na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade .
17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu;
ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.
18 Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no,
wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa.