Yohane Adiyisɛm
1 Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
4 Yohane,
8 Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega[a] a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
9 Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10 Awurade da no,[b] Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11 Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
12 Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13 Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. 14 Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. 16 Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.
17 Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ,
19