1 Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. 2 Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu. 3 Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.” 4 Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. 5 Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no. 6 Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.
7 Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn 8 na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no. 9 Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn. 10 Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.
11 Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu. 12 Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
13 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
14 Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.
15 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ,
19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ.
<- Adiyisɛm 10Adiyisɛm 12 ->