1 Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, 2 a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si hɔ a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. 3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. 4 Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so. 5 Adeɛ rensa wɔ hɔ bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa.
6 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.”
7 Yesu kaa sɛ,
8 Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ sɛ mesom no. 9 Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no so, ɛfiri sɛ, ɛberɛ no abɛn. 11 Obiara a ɔyɛ bɔne nkɔ so nyɛ bɔne, na deɛ ɔyɛ efi no nkɔ so nyɛ efi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”
12
14
16
17 Honhom no ne ayeforɔ no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, ‘Bra!’ Na deɛ osukɔm de no no mmra, na deɛ ɔpɛ no nso, ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa.”
18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nwoma yi mu no ho. 19 Na sɛ obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya wɔ nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nwoma yi mu no.
20 Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka sɛ,
21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.