3
Sardi Asafo No Nwoma
1
4 Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. 5 Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim sɛ ɔyɛ me dea. 6 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
Filadelfia Asafo No Nwoma
7
8 Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. 9 Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo. 10 Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu.
11 Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. 12 Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho. 13 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
Laodikea Asafo No Nwoma
14
15 Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. 16 Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu enti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom. 17 Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira. 18 Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguaseɛ adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so, sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ.
19 Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho. 20 Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
21 Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho, sɛdeɛ madi nkonim enti, mete mʼAgya ahennwa ho seesei no. 22 Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.”
<- Adiyisɛm 2Adiyisɛm 4 ->