4
Ɔsoro Pono A Wɔabue
1 Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ,
Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia. 7 Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu. 8 Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ,
“Kronkron, Kronkron
ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a
ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”
9 Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10 mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ:
11 “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn,
wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi,
ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,