5 Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
7 Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. 8 Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.
14 Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15 Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti. 16 Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho.
17 Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18 Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. 19 Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so. 21 Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no:
23 Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti, 24 mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no. 25 Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no. 26 Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27 Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no. 28 Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo. 29 Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.
30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me. 31 Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom. 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo. 33 Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.