Rut Nwoma
1 Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab. 2 Na ɔbarima no din de Elimelek[a] ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3 Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. 4 Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no, 5 Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu.
6 Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ
8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.”
11 Nanso, Naomi kaa sɛ, “Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa? 12 Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, 13 mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ,
14 Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
15 Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”
16 Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn. 17 Baabi a wobɛwuo no, mɛwu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a,
19 Ɛno enti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantuo no so. Ɛberɛ a wɔduruu Betlehem no, wɔn enti kuro mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmaa no bisaa sɛ, “Naomi nie anaa?”
20 Ɔkaa sɛ, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ,
22 Enti, Naomi firi Moab baeɛ a, nʼase Rut, Moabni babunu ka ne ho. Wɔduruu Betlehem atokotwa berɛ ahyɛaseɛ no mu.
Rut 2 ->-
a 1.2 Wɔnyaa edin Efrati firii abusua a Elimelek firi mu no. Ɛno enti, Elimelek de nʼabusua din no too ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrati no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2).