1 Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara. 2 Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ. 3 Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie. 4 Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
5 Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” 6 Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so.
7 Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ. 8 Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase.
9 Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?”
10 Na Boas kaa sɛ, “
14 Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.”
15 Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu.
16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?”
18 Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.”
<- Rut 2Rut 4 ->-
a 3.9 Trɛ a obi trɛ nʼatadeɛ ano de gu ɔbaa so no kyerɛ awadeɛ ho banbɔ.