1 Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kaa sɛ, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti, wɔtenaa ase.
2 Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu sɛ wɔmmɛtena ase sɛ adansefoɔ. 3 Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no sɛ, “Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. 4 Mesusu sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa adansefoɔ yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri sɛ, sɛ woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ megye.”
5 Afei, Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”
6 Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa sɛ, “Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri sɛ, ɛbɛha mʼagyapadeɛ. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”
7 Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den. 8 Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas sɛ, “Wo ara tɔ asase no.”
9 Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ. 10 Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no sɛ me yere. Ɛno enti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ.”
11 Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ!
13 Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na
16 Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17 Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.
-
a 4.11 Israelfoɔ nyinaa ase firi Rahel ne Lea mu. Saa ara na Dawid ne Agyenkwa no yɛ Rut asefoɔ.
b 4.12 Na Peres yɛ Boas aseni (Mat 1.3; Luk 3.33).