1 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sanee nʼakyi bɛnyanee me, sɛdeɛ wɔnyane obi firi ne nna mu no. 2 Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”
5 Ɔbuaa sɛ, “Wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne
7 “Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”
8 Na
10 “Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye.
11 Na mebisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no yɛ ɛdeɛn?”
12 Na mebisaa no bio sɛ, “Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani yɛ akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no yɛ ɛdeɛn?”
13 Ɔbuaa sɛ, “Enti wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”
14 Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.”
<- Sakaria 3Sakaria 5 ->